HWEHWɛ TWERɛSɛM NO MU — Adesua 227: Saul Wuo A Na Ɛyɛ Awerɛho (1 Samuel 31:1–13)

HWEHWɛ TWERɛSɛM NO MU — ADESUA 227

THE TRAGIC DEATH OF SAUL | SAUL WUO A NA ƐYƐ AWERƐHO

NKAEɛ ASɛM: “Saa na Saul ne ne mma baasa ne n’akoradeɛkurani ne ne mmarima nyinaa nso wuwuu prɛko da no ara” (1 Samuel 31:6)

AKENKANSɛM: 1 Samuel 31:1–13

Akenkansɛm no ma yɛn deɛ wɔatwerɛ ato hɔ pefee fa Saul, Israelfoɔ hene a ɔdi kan, ne wuo a na ɛyɛ awerɛho, wɔ ɔko a wɔne Filistifoɔ no koeɛ no mu. Saa wuo yi a na ɛyɛ awerɛho yi na ɛtwaa toɔ wɔ Saul asoɔden a ɔyɛ toatoaa so, ne ne yɛ hwɛ sɛ ɔboapa bɛsi Onyankopɔn ne pɛ ho kwan na afei wannnya ɔpɛ sɛ ɔbɛsakyera n’adwene koraa.

Twerɛsɛm no si so dua na afei ɛbɔ nkurɔfoɔ a wɔte sɛ Saul kɔkɔ sɛ: “Animka nipa a ɔsene ne kɔn, wɔbɛbu no mpofirem a ano nni aduro” (Mmɛbusɛm 29:1).

Owuo, abrabɔ no mu adeɛ a ɛde nsesa firi ha kɔ wiase foforɔ a anigye wɔ mu anaa awerɛhoɔ wɔ mu. Wɔn a Kristo agye wɔn no bɛfa owuo mu akɔ Onyankopɔn anigye a ɛmmɔ aseɛ da mu; na nnebɔneyɛfoɔ ne akyirisanfoɔ nso bɛfiri akɔ awerɛhoɔ a ɛmmɔ aseɛ da wɔ amanehunu kurom.

Onyankopɔn akwankyerɛ nka ho na ɔyeraeɛ kɔɔ ɔbaa bi hɔ samanfrɛ na wannya adwensakyera turodoo ansa na ɔrekɔ akono no, Saul wuo no bɛyɛɛ awerɛho ne animguaseɛ.

Adɛn nti na ɛhia paa ara sɛ nnebɔneyɛfoɔ bɛnya adwensakyera?

It is urgent that a sinner should repent because if a sinner dies before repentance, he will spend eternity in hell.

HWEHWɛ TWERɛSɛM NO MU — Twi (Akan) Bible Study Lessons, Volume 5

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *

Previous post HWEHWɛ TWERɛSɛM NO MU — Adesua 225: Saul Kɔ Ɔbaa Samanfrɛni Bi Nkyɛn Wɔ En-Dor (1 Samuel 28)
Next post Petro Úli Nyanyui si Wotso yi na Trɔsubolawo la ta — Ɖoɖowo la ŋu 195 (Ɖɔwɔwɔwo 11:1–30)