HWEHWƐ TWERƐSƐM NO MU – Adesua 231: Onipa Ne N’amumuyɔ Suban (Romafoɔ 3:1–31)

HWEHWƐ TWERƐSƐM NO MU • Adesua 231 • The Sinfulness of Man

AKENKANSƐM: Romafoɔ 3:1-31

“Ԑfiri sԑ wɔn nyinaa ayԑ bɔne, na Nyankopɔn animuonyam abɔ wɔn”

Romafoɔ 3:23 (Nkaeԑ Asԑm)

Nnianimu (Introduction)

Wɔ ti a atwam a Paulo twerԑ kɔmaa asafo a wɔwɔ Roma no, Ͻsomafoɔ Paulo kyerԑkyerԑԑ sԑ Onyankopɔn mmu Yudani biara bem sԑ wɔyԑ Abraham asefoɔ nti. Mmon no, ɔbԑgye obiara – Yudani anaa Ͻmanamanmuni – wɔ mmԑtaho biako pԑ so, ԑne adwensakyera ne gyidie. “Enti sԑ momonoto no di mmara mu asԑntenee so a, wɔremmu ne momonotoyԑ no sԑ twetiatwa?” (Romafoɔ 2:26). Nkyerԑkyerԑ no mu nteaseԑ ne sԑ Onyankopɔn ntwe ne ho nkɔ fa baabi a ԑbԑgyina onipa no nipa ban anaa ɔman a ԑfiri mu so. “Ͻhwehwԑ nokorԑ wɔ yԑn sawa mu” firi Yudafoɔ ne momonotofoɔ nyinaa nkyԑn.

Na Yudafoɔ no apo Paulo nkyerԑkyerԑ a ɔde Yudafoɔ ne momonotofoɔ no nyinaa guu nsania biako mu, na ɔmaa wɔhunuu sԑ akwnmue sorowonko bi nna wɔn ntam ԑnam nkitahodie a na wɔne Abraham wɔ no, ne twetiatwa apam no. Nanso, Ͻsomafoɔ no si so dua sԑ: “Na ԑnyԑ deԑ ɔda adi saa, na ɔyԑ Yudani, nso ԑnyԑ deԑ ɔda adi saa ɔhonam mu na ԑyԑ twetiatwa” (Romafo 2:28). Ͻkyerԑ yԑn sԑ Onyankopɔn mpene yԑn bɔne so na ɔbɔ wɔn kɔkɔ tia bɔne ne nsԑm a ԑnyԑ nokorԑ na wɔgye to mu a ԑfiri atwerԑ a home taa akyire a wɔn adiyifoɔ de ama wɔn (Romafoɔ 3:19,20,25, na Nnwom 143:2 ne Lewitiko 16:15) ka ho. Saa ara na na ԑyԑ Ͻsomafoɔ no botaeԑ ma momonotofoɔ no nso. Ͻtwerԑԑ sԑ: (Yudafoɔ ne momonotofoɔ) “na wɔn nyinaa ayԑ bɔne na Nyankopɔn animuonym abɔ wɔn” (Romafoɔ 3:23).


YUDAFOϽ NO AMUMUYϽ SUBAN

Romafoɔ 3:1-9; 1 Ahemfo 22:6-20; Romafoɔ 6:1,2; 3:9

“Afei ԑdeԑn na Yudani wɔ boro so, anaasԑ twetiatwerԑ ho mfasoɔ ne deԑn? Ԑdɔᴐso akwan hodoɔ nyinaa mu. Deԑ ԑdi kan ne sԑ wɔde Nyankopɔn asԑm ahyԑ wɔn ma” (Romafoɔ 3:1,2). Ͻsomafoɔ Paulo annye ansi nkyԑn sԑ na Yudafoɔ no wɔ mfasoɔ a na ԑma wɔde kyԑne momonotofoɔ no. Deԑ na ɔgyina soɔ ne sԑ, deԑ ԑdi kan ne sԑ ԑyԑ adeԑ biako sԑ obi bԑnya mfasodeɛ bi nanso ԑyԑ ɔkwan foforɔ so sԑ obi bԑnya mpontuo wɔ saa mfasodeԑ anaa akwanmue no mu, sԑ ԑbԑma no mfasodeԑ bebree. Onyankopɔn pono a ɔbue de gye Yudafoɔ no yԑ saa pono no ara no ɔbue ma momonotofoɔ nso. Mmirika a yԑretu akɔ ɔpono no ho no, Yudafoɔ no amfa saa mfasodeԑ a na wɔwɔ no ammma ɔpono no ho.

Deԑ na ԑhia paa ara yie ma Israel akwanmue ne sԑ “wɔde Onyankopɔn asԑm ahyԑ wɔn nsa”. Wɔnyaa Onyankopɔn pԑ ho adiyie a na ԑnam Mose mmara no so ne adiyifoɔ a wɔaka no atwerԑ so, na saa akwanmue no, aman a wɔaka no anya bi saa. Sԑ anka wɔbԑfa saa akwanmue no so no, wɔbԑyԑԑ nkotiafoɔ maa Kristo asԑmpa no; enti wɔdanee wɔn akwanmue no maa no bԑyԑԑ akwansideԑ. Twerԑsԑm no ho nimdie, sԑ yԑde yԑ adwuma yie sԑ homhom mu akwankyerԑ a, ԑrentwe yԑn mfiri Onyankopɔn ho, na mmom ԑbԑboa yɛn de yԑn asi kwan tenenee no so. Mfatoho a yɛnya fa deɛ ɔde saa akwanmue no yɛɛ adwuma no, yԑhunu no wɔ Ͻhene Yosia ahennie mfitiaseԑ, mmerԑ a Hilkia, ɔsɔfo panin, hunuu mmara no nwoma wɔ hyiadan no mu no. ԑde homhom mu nkanya baeԑ ma nnipa no sane baa Onyankopɔn nkyԑn bio (2 Ahemfo 22:6-20). Ԑyԑ Onyankopɔn mmɔborɔnunu sԑnkyerԑnneԑ mmerԑ biara a ɔbԑma n’asԑm no so kԑse akyerԑ nnipa binom, mmusua anaa asafo.

Question 1: Mention the initial advantages the children of Israel had over the Gentiles.

Keka mfasodeԑ a Israelfoɔ no nyaeԑ maa wɔkyԑnee amanamanmufoɔ no.

Answer: Israel had initial advantages over the Gentiles because unto them were committed the oracles of God. They were also of the seed of Abraham.

Nyiano: Israelfoɔ no nyaa mfasodeԑ kyԑnee amanamanmufoɔ no ԑfiri sԑ wɔde Nyankopɔn asԑm no hyԑԑ wɔn nsa. Afei nso na wɔyԑ Abraham asefoɔ.

“Na sԑ ebinom annye anni ԑ? Wɔn gyeԑ a wɔnnie no bԑma Nyankopɔn gyidie adane hunu?” (nyiyimu 3). Ͻsomafoɔ no kɔ so ara gyina mu sԑ Onyankopɔn nokorԑdie ne ne kronkronyԑ hwԑ sԑ wɔn a wɔyԑ Yudafoɔ na wɔyԑԑ anokwafoɔ maa Onyankopɔn apam no na wɔde akwanmue no yԑԑ adwuma no, wɔmmfa wɔn setie mu mfasodeԑ no rennkame wɔn, na ԑmfa ho sԑdeԑ wɔn mfԑfoɔ no asoɔden teԑ. Sԑdeԑ Twerԑsԑm ka no, “Maka me kronkronyԑ ho ntam biako, merenni Dawid [Israel] hwammɔ” (Nnwom 89:35). Nanso, ɔkyerԑ sԑ Onyankopɔn remmu n’ani nngu Yudafoɔ amumuyɔ so, na ԑmfa ho ne akyinyeԑ a wɔregyeԑ sԑ Onyankopɔn bԑyԑ saa na wama n’adom no aso wɔn so. “Na sԑ yԑn tene a yԑntene yi na eyi Onyankopɔn tenenee no kyerԑ a, yԑbԑse deԑn? Onyankopɔn ntene sԑ ɔde n’abufuo ba yԑn so anaa? – Meka no nnipam. Dabida, sԑ ԑte saa a, anka Onyankopɔn bԑbu wiase atԑn sԑn?” (Romafoɔ 3:5,6).

Na Yudafoɔ binom dwene sԑ Onyankopɔn bԑdwodwo Yudafoɔ no anyeannie ne asoɔden no ano. Wɔgye ho kyim sԑ ԑrenyԑ ade papa sԑ Onyankopɔn bԑtwe Yudafoɔ no aso wɔ wɔn bɔne ho, mmerԑ a saa amumuyɔ no aboa ma Onyankopɔn animuonyam ada adi wɔ amanamanmufoɔ no so sԑ wɔnam so anya Onyankopɔn ho nimdie. Sԑ mpo yԑgyina wɔn akyinnyegyeԑ no so a, ɔsomafoɔ no gyinaa mu sԑ bɔne so asotwe nte nkɔ fam mmerԑ a Onyankopɔn nam ne tumi so maa saa amumuyɔ no so hyԑԑ ne ho animuonyam. Ԑnsԑ sԑ yԑyԑ amumuyɔdeԑ na papa afiri mu aba (nyiyimu 8).

Na binom nso wɔ hɔ a wɔgyee too mu, ԑwɔ mu sԑ na ԑyԑ atorɔ, sԑ Paul kaa saa nsԑmhunu no. Ԑnyԑ twetiatwa apam a Onyankopɔn ne Israelfoɔ no wɔ anaa Onyankopɔn adom a ɔde kyԑ kwa a ɔde maa momonotofoɔ no na obi bԑgyina so afa ne ho adie ayԑ bɔne. Akyire yi no, ɔpagyaa saa nokorԑ yi so wɔ n’asԑmpa no mu sԑ: “Enti afei yԑbԑka sԑn? Yԑntena bɔne mu na adom no nnɔɔso anaa? Dabida, yԑn a yԑwu maa bɔne no, ԑbԑyԑ dԑn na yԑbԑda so atena ase wɔ mu?” (Romafoɔ 6:1,2). Ͻwiee no sԑ Yudafoɔ no nni akwanmue a ԑyԑ kyԑne amanamanmufoɔ no fa Onyankopɔn ahennie ho. “Ԑnneԑ na ԑdeԑn? Yԑsene yeinom? Yԑnsene [wɔn] koraa. Na wɔde akane asԑm no akyekyere Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa sԑ wɔhyԑ bɔne ase” (nyiyimu 9). “Na wɔn nyinaa ayԑ bɔne” na wɔhia Onyankopɔn tenenee a ɔde kyԑ kwa no.


BϽNE: WIASE NYINAA NHUNU DEԐ WϽNYԐ

Romafoɔ 3:10-18; 2 Korintofoɔ 13:5; Nnwom 140:3; 14:1-7; Yesaia 59:7,8; mmԑbusԑm 15:4

“Sԑdeԑ wɔatwerԑ sԑ: Ͻteneneeni biara nni hɔ, ɔbaako mpo nni hɔ” (nyiyimu 10). Yԑde yԑn ho reto Twerԑsԑm no soɔ no, Ͻsomafoɔ Paul de Onyankopɔn home kyerԑ sԑdeԑ nnipa amumuyɔ teԑ – Yudafoɔ ne Amanamamufoɔ nyinaa. Obiara nni hɔ, a ɔno ara de ne pԑ hwehwԑ Onyankopɔn akyiri kwan anaa ɔbɔ tenenee abrabɔ, “dabi, ɔbaako mpo nni hɔ” Ͻyi asԑm no firi Apam Dada no mu gyina soboɔ a emu yԑ duru bԑyԑ dunan so a ԑtia Yudafoɔ ne Amanamanmufoɔ a Onyankopɔn adiyifoɔ akyerԑ. N’abirabɔ mu no, agyedifoɔ nokwafoɔ wɔ Kristo tenenee wɔ wɔn mu na wɔwɔ adansedie sԑ wɔanya fawohodie afiri bɔne mponkyerԑ mu.

Enti yԑbԑtumi asusu nokorԑ nsԑm a ԑyԑ yԑn nnyinasoɔ wɔ Kristo mu sԑ ɔwɔ yԑn mu ampa anaa yԑyԑ deԑ yԑmfra (2 Korintofoɔ 13:5).

(i). “Ͻteneneeni biara nni hɔ. ɔbaako mpo nni hɔ” (nyiyimu 10). Ͻgyedini kann da ne ho adi wɔ tebea biara mu sԑ tenenee nam Kristo mu gyidie so (Filipifoɔ 3:9). Sԑ adom no ba mu a, yԑtumi di n’anamɔn akyi, ɔno a “wanyԑ bɔne, nanso wanhunu nnaadaa n’anomu” (1 Petro 2:22).

(ii) “Obiara nni hɔ a ɔyԑ ɔbadwemma” (nyiyimu 11). Kristo ama yԑn nteaseԑ ama yԑahunu no sԑ ɔno ne nokorԑ no, na yԑtumi hunu nsonsonoeԑ a ԑda nokorԑ ne atorɔ mu.

(iii). “Obi ara nni hɔ a ɔhwehwԑ Onyankopɔn akyiri kwan” (nyiyimu 11). Nyamesom biara a ԑyԑ atorɔ no yi nnipa no firi Onyankopɔn ho, nanso yԑnim sԑ Kristo nkotoo ne ɔkwan a yԑde kɔ Agya no nkyԑn.

(iv). “Wɔn nyinaa amane” (nyiyimu 12). Sԑ obi anye Kristo nokorԑ mu a, ɔbԑwɔ ntwԑtwԑdԑ wɔ sum mu na ebewie no daapem ahoyera mu.

(v). “Wɔn nyinaa aporɔ” (nyiyimu 12). Mmerԑ bi a atwam no na agyedifoɔ ho nni mfasoɔ ma Onyankopɔn, afoforɔ ne wɔn ho. Nanso, wɔgyee Kristo no, ama wɔabԑyԑ Kristo abusua a ԑnam daa nyamesompa nkԑntԑnsoɔ mu. (Filemon 11).

(vi) “Obiara nni hɔ a ɔyԑ papa, ɔbaako mpo nni hɔ” (nyiyimu 12). Sԑ yԑgya nnebɔneyԑfoɔ kwan a, obiara nni hɔ a ɔbԑpԑ sԑ ɔbԑyԑ papa. Nanso. Onyankopɔn bԑtumi agye yԑn afiri amumuyɔ mu (Tito 2:14).

(vii). “Wɔn mene yԑ ԑda a abue” (Nyiyimu 13). Ͻdebɔneyԑni anomu kasa yԑ fi ne atԑnnidie na ԑno na ԑkyerԑ porɔyԑ a ԑwɔ n’akomam; na ɔgyedini nsԑm yԑ deԑ ԑho ba nyam daa a nkyene wɔ mu (Kolosifoɔ 4:6).

(viii). “Wɔde wɔn tԑkyerԑma daadaa” (nyiyimu 13). Nnebɔneyԑfoɔ yԑ amumuyԑ nnoɔma a daa wɔpԑ sԑ wɔnya afoforɔ ho mfasodeԑ, nanso ɔteneneeni tԑkyerԑma yԑ nkwa dua (Mmԑbusԑm 15:4).

(ix). “Wɔde wɔn tԑkyerԑma daadaa” (nyiyimu 13). Nsԑm a ԑfiri nnebɔneyԑfoɔ anomu te sԑ awuduro a ԑbԑtumi asԑe afoforɔ, nanso agyedifoɔ kann nsԑm yԑ, na ԑyԑ ma nkɔsoɔ a ehia na wɔde adom wɔn a wɔtie no (Efesɔfoɔ 4:29).

(x). “Nnome ne ade nwononwono ahyԑ wɔn anomu ma” (nyiyimu 14). Ͻtane ne adwemmɔne a ԑwɔ nnebɔneyԑfoɔ akomam no da ne ho adi wɔ nsԑm a ԑmu yԑ den na ԑyԑ nwono mu, nanso ahotefoɔ tԑkyerԑma deԑ Homhom no to no nnareka (Yakobo 1:26).

(xi). “Wɔn nan yԑ hare mogya hwiegu ho” (nyiyimu 15). Ԑnam ɔtane a ahyԑ akoma no ma nti, ԑnyԑ nnebɔneyԑfoɔ den sԑ wɔbԑhwie mogya aguo nam awudie so, nyinsԑn yiguo anaa wɔrehyԑ akɔnfo. Ahotefoɔ deԑ wɔdwo sԑ mmuburo, na wɔtrԑ ɔdɔ mu, de nkwa ne nkabom ba.

(xii). “Pasaayԑ ne amanehunu wɔ wɔn akwan mu” (nyiyimu 16). Yԑde bɔne toto mɔreka ho, adeԑ a ԑnam so na bɔne, porɔyԑ ne ntwodie ba na ԑde nipadua mu amanehunu ba. Agyedifoɔ deԑ, wɔde wɔn toto nkyene ho, wɔkora adeԑ so na ԑma no yԑ dԑ.

(xiii). “Na asondwoeԑ kwan deԑ, wɔnnim” (nyiyimu 17). Honam fam mu nnipa wɔ atenka sԑ ɔbԑkɔ akodie ne nitan mu, sԑ ɔyԑ ankorԑnkorԑ, abusua anaa fekuo bi. Na Onyankopɔn mma hwehwԑ asomdwoeԑ na wɔfa kwan biara so sԑ wɔbԑnya asomdwoeԑ no.

(xiv). “Nyankopɔn suro biara nne wɔn ani so” (nyiyimu 18). Onipa bɔne suban no nhini nyinaa gyina sԑ Onyankopɔn ho suro, ne dɔ ne ahobrԑaseԑ nni ne mu. Agyedifoɔ suban a wɔda no adie de kyerԑ Onyankopɔn dɔ ne suro a ahoteԑ wɔ mu ne nnaaseԑ.


NKWAGYEԐ A ԐWϽ HϽ MA OBIARA A ԐNAM KRISTO MOGYA SO

Romafoɔ 3:19-31; Luka 18:11; Nnwom 14:2,3; Asomafoɔ no nnwuma 14:7; Romafoɔ 4:25; 2 Korintofoɔ 5:21

“Ԑfiri sԑ wɔn nyinaa ayԑ bɔne, na Nyankopɔn animuonyam abɔ wɔn, na wɔde n’adom nam ɔgyeԑ a ԑnam Yesu Kristo mu no so bu wɔn bem kwa” (Romafoɔ 3:23,24). Sԑ yԑrekyerԑ bɔne ase a, yԑbԑka sԑ nsusuiԑ, asԑm anaa nneyɔeԑ biara a ԑnnuru Onyankopɔn kronkronyԑ ne ne pԑyԑ nnyinasoɔ ho. Saa nkyerԑaseԑ yi da no adi sԑdeԑ ԑntumi nyԑ hɔ sԑ onipa a ɔnne mmoa biara bԑtumi anya tenenee mmara no mu. Sԑ wɔbԑbu obi sԑ ɔtene a, na ԑnam mmara no so. “Ԑfiri sԑ wɔremfiri mmara nnwuma mu mmu honam biara bem n’anim” (nyiyimu 20). Ahoteԑ mmara a Onyankopɔn de maa nnipa no mu wɔ soro sԑ ԑbԑtumi abu onipa bem, deԑ mmara no yԑ ne sԑ ԑyi onipa bɔne adi. Ԑmfa anidasoɔ biara mmrԑ nnipa “na “ahoteԑ” mmara so na wɔnam hunu bɔne yie” (nyiyimu 20). Saa ara nso na afedida mmara no a wɔde mmoa mogya bɔ afɔdeԑ bebree no antumi annyi bɔne. “Ԑfiri sԑ nantwinini ne mmirekyie mogya ntumi nyi bɔne” (Hebrifoɔ 10:4).

Yԑn bɔne amaneԑ no ho anoyie no gyina Onyankopɔn adom a ɔde kyԑ kwa no so. Saa adom yi na Onyankopɔn nam yԑn Awurade Yesu Kristo so de ama yԑn sԑ akyԑdeԑ. Mmerԑ a Farisini bi pԑԑ sԑ Onyankopɔn gye no na ɔgyinaa “ne nnwuma pa so” de hoahoaa ne ho no, yԑn Awurade Yesu Kristo pae mu kaa sԑ ɔntumi nnya bembuo. “Farisini no gyinae na ɔbɔɔ mpaeԑ ne tirim sԑ: Onyankopɔn meda wo ase sԑ mente sԑdeԑ onipa a aka no teԑ: Amimfoɔ, nkontopofoɔ, ayerfafoɔ anaa ɔtogyeni yi mpo” (Luka 18:11). Tenenee nyinasoɔ a wɔrehwehwԑ no nyԑ onipa ahoteԑ, na mmom Onyankopɔn kronkronyԑ ne ne pԑyԑ, na yei deԑ, yԑn nsa bԑka a, ԑfiri Yesu hɔ. Awerԑhyԑm a na Yudafoɔ no wɔ wɔ mmara no mu no anyԑ adwuma, sԑ yԑhwԑ atemmuo a ɔdwomtofoɔ no de baa wɔn so no a: “Awurade firi soro hwԑ nnipa mma, na ɔbԑhunu sԑ obi wɔ hɔ a ɔyԑ ɔbadwemma. Obi a ɔhwehwԑ Onyankopɔn akyiri kwan. Wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa aporɔ, obi nni hɔ a ɔyԑ papa, ɔbaako mpo nni hɔ” (Nnwom 14:2,3).

Question 2: What is sin, and what are the characteristics of sinners?

Bɔne ne deԑn, na sɛn na bɔne suban da ne ho adie nnebɔneyɛfoɔ mu?

Answer: Sin may be defined as any thought, word or deed which falls short of God’s standard of holiness and perfection. Sin is the transgression of the law.

The characteristics of sinners are seen in these areas: There is none righteous, no not one. There is none that understandeth. There is none that seeketh after God. They are all gone out of the way. They are together become unprofitable. There is none that doeth good, no not one. Their throat is an open sepulchre. With their tongues they have used deceit. Their mouth is full of cursing and bitterness. Their feet are swift to shed blood. The way of peace they do not know. There is no fear of God before their eyes.

Anoyie: Sԑ yԑrekyerԑ bɔne ase a, yԑbԑka sԑ nsusuiԑ, asԑm anaa nneyɔeԑ biara a ԑnnuru Onyankopɔn kronkronyԑ ne ne pԑyԑ nyinasoɔ ho. Bɔne ne mmarato.

Nnebɔneyɛfoɔ suban a wɔda no adie binom ne:

Ͻteneneeni biara nni hɔ, ɔbaako mpo nni hɔ. Obiara nni hɔ a ɔyԑ ɔbadwemma. Wɔn nyinaa amane. Wɔn nyinaa aporɔ. Obiara nni hɔ a ɔyԑ papa, ɔbaako mpo nni hɔ. Wɔn mene yԑ ԑda a abue. Wɔde wɔn tԑkyerԑma daadaa. Nnome ne ade nwononwono ahyԑ wɔn anomu ma. Wɔn nan yԑ hare mogya hwiegu ho. Pasaayԑ ne amanehunu wɔ wɔn akwan mu. Na asondwoeԑ kwan deԑ, wɔnnim. Nyankopɔn suro biara nne wɔn ani so.

Sԑ yԑhwԑ amanamanmufoɔ a, ԑwɔ mu sԑ na wɔnne mmara a wɔatwerԑ ama wɔn nanso Onyankopɔn de adanseԑ gyaa wɔn. Ͻda ne su, n’ahummɔborɔ, ne nnoɔma a ɔyԑ no nnidisoɔ so, ne nyansa ne ne tumi ma obiara a ɔbɔɔ wɔn no so. Adanseԑ fa Onyankopɔn sԑdeԑ ɔteԑ ne deԑ ɔtumi yԑ no, ԑsԑ sԑ anka amanamanmufoɔ hyԑ Onyankopɔn animuonyam na wɔda no aseԑ, nanso ԑno mmom dii wɔn anim de wɔn kɔɔ ankorԑnkorԑ porɔyԑ ne abosonsom a na ԑyԑ akyiwadeԑ ne adaemoni nneyɔeԑ mu. Enti, na Yudani a ɔnim mmara no ne Amanamanmufoɔ a na wɔnni mmara no nyinaa di fɔ Onyankopɔn anim.

Bɔne abԑyɛ pempe asi nnipa ne Onyankopɔn ntam, enti, akɔhia sɛ yɛne Onyankopɔn ka bɔm. Ͻsoro Nyankopɔn a yɛayɛ no bɔne no ayɛ krado sɛ ɔne nnipa debɔneyɛni bɛbɔm. Ͻno, yɛn Agyenkwa Yesu ara na ɔyԑԑ Ntamgyinafoɔ maa nipa ne Nyankopɔn ntam. Ͻfaa kwan a ɛnsɛe ne kronkronyɛ so ama ne pɛrpɛyɛ no agyina ma nnipa. Yԑn Awurade Yesu, onipa nsiananmu a wɔyii no maa yԑn mfomsoɔ na wɔnyanee no firii awufuo mu maa yԑn bembuo na ɔde saa nkabɔm no baeԑ. Sԑdeԑ Kristo a na ɔnne bɔne na wɔde no yԑԑ bɔne afɔdeԑ maa yԑn no, saa ara na yԑn a na yԑnni tenenee biara no nyaa tenenee wɔ ne mu (2 Korintofoɔ 5:21).

Question 3: Why are all men declared sinners in God’s word?

Adɛn nti na wɔbu nnipa nyinaa nnebɔneyɛfoɔ wɔ Awurade asɛm mu?

Answer: God’s word declares all men as sinners because all men are of the seed of Adam. Adam sinned and it affected all men.

Anoyie: Onyankopɔn asɛm ka sԑ nnipa nyinaa ayɛ bɔne ɛfiri sɛ nnipa nyinaa yɛ Adam asefoɔ. Adam yɛɛ bɔne na ԑfraa nnipa nyinaa.

Question 4: Explain why it is absurd to argue in favour of sin because God’s grace is thereby magnified?

Kyerɛ mu deԑ enti a ɛyԑ nsɛmhunu sԑ obi bɛgye ho kyim sԑ bɔne yɛ ԑfiri sɛ ԑno na ԑma Onyankopɔn adom no so pagya.

Answer: It is absurd to argue in favour of sin because it is by grace and not of works that we are saved through faith. Without grace no one will be saved. Grace does not give us license to continue in sin.

Anoyie: Ԑyɛ nsԑmhunu ɛfiri sɛ ԑyɛ adom na ԑnyɛ nnwuma so na yԑnya nkwagyeɛ a ԑnam gyidie so. Sɛ adom nni mu a obiara renya nkwagyeԑ. Adom no mma yԑn kwan sԑ yԑnkɔ so ntena bɔne mu.

Question 5: Why is there the need for the reconciliation of humanity?

Adԑn nti na ԑho hia sԑ nkabom ba onipa ne Onyankopɔn ntam?

Answer: Sin has made a breach between God and humanity, creating a need for reconciliation. The offended divine Majesty is willing to be reconciled to sinful mankind.

Anoyie: Bɔne abԑyɛ pempe asi nnipa ne Onyankopɔn ntam, enti, akɔhia sɛ yɛne Onyankopɔn ka bɔm. Ͻsoro Nyankopɔn a yɛayɛ no bɔne no ayɛ krado sɛ ɔne nnipa debɔneyɛni bɛbɔm.

Question 6: How can a sinner be reconciled to God?

Ͻkwan bԑn so na ɔdebɔneyԑni bԑfa so ne Onyankopɔn abom?

Answer: Sinners can be reconciled to God when they repent and confess their sins to God, believe Christ and make restitutions, where applicable.

Anoyie: Nnebɔneyԑfoɔ bԑtumi ne Onyankopɔn abom mmerԑ a wɔbԑsakyera wɔn adwene na wɔpae mu aka wɔn bɔne akyerԑ Onyankopɔn, na wɔregye Kristo ato mu na wɔayԑ nsiesie biara a ԑhia.

Question 7: What danger awaits the unrepentant sinner now and in eternity?

Ehu bԑn na ԑretwԑn ɔdebɔneyԑni a ɔnsakyeraa n’adwen seiseiara ne daapem mu?

Answer: Failure to embrace Christ truthfully amounts to groping in the dark now and ending in eternal torment.

Anoyie: Sԑ obi anye Kristo nokorԑ mu a, ɔbԑwɔ ntwԑtwԑdԑ wɔ sum mu seiseiara na ebewie no daapem ahoyera mu.


Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *

Previous post Sinfulness of All Boys and Girls – Children’s Search the Scripture Lesson 23