HWEHWɛ TWERɛSɛM NO MU — Adesua 225: Saul Kɔ Ɔbaa Samanfrɛni Bi Nkyɛn Wɔ En-Dor (1 Samuel 28)

HWEHWɛ TWERɛSɛM NO MU — ADESUA 225

SAUL CONSULTS A WITCH AT ENDOR | SAUL KϽ ϽBAA SAMANFRƐNI BI NKYƐN WϽ EN-DOR

NKAEɛ ASɛM: “Mma wɔnnhunu wo mu obi a ɔma ne ba barima anaa ne babaa fa ogya mu, ɔkɔnfoɔ a ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifoɔ ne ɔdebisafoɔ ne ntafowayifoɔ, ne nkaberekyerefoɔ ne samanfrɛfoɔ ne dunsini ne deɛ ɔbisa afunu” (Deuteronomium 18:10,11)

AKENKANSɛM: 1 Samuel 28:1–25

Dawid nsrahwɛ wɔ Filistifoɔ no nsraban mu no kyerɛ yɛn sɛ akyinnyegyeɛ biara nni ho sɛ na Dawid gyidie a na ɔwɔ no Onyankopɔn mu no akɔ fam ara sɛ sɛ ɔntumi nkɔ so ara mmɔ ne ho ban. Ɛbuee kwan maa sɔhwɛ pii, amumuyɔ, ne ahometeɛ. Na ɛsɛ sɛ ɔdi atorɔ kyerɛ Ͻhene Akis na ɔka sɛ ɔne ne nkurɔfoɔ no kɔto hyɛɛ Yuda anafoɔ fam so.

Enti Ͻhene Akis too nsa frɛɛ no sɛ ɔmmɛka ne ho nkɔko ntia Israelfoɔ. Nanso, ɔsoro bɔ wuraa mu ma ne poɔ no baa mu Filistifoɔ nsraban no mu (1 Samuel 29:3–7). Anka Dawid bɛkɔ akɔgyina tebea a ɛnyɛ mu sɛ ɔreko wɔ Filistifoɔ no afa wɔ ɔko a Saul, Israelfoɔ hene a ɔdi kan no, wɔbɛku no.

Na Saul deɛ, n’awerɛhoɔ ne n’anidasoɔ a na asa wɔ ne nna a ɛtwa toɔ no mu no kyerɛ yɛn sɛ wɔn a wɔpo Onyankopɔn papayɛ ne n’abodwokyɛre sɛ wɔbɛba adwensakyera mu no kɔ yea awieeɛ mu. (Romafoɔ 2:4). Sɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛe adom mmerɛ a, wɔbɛduru tebea bi mu a Onyankopɔn bɛka sɛ: “wɔbɛfrɛ me nanso merentie wɔn, wɔbɛhwehwɛ me nanso wɔrenhunu me” (Mmɛbusɛm 1:28).

Adɛn nti na ɛyɛ hu sɛ ɔdebɔneyɛni anaa ɔkyirisanfoɔ bɛtwentwɛn ne nan ase ahwehwɛ Awurade bɔnefafire?

It is deadly for a sinner or backslider to delay seeking the Lord’s forgiveness because death can come upon him at any time. When a sinner or backslider dies in sin he goes into hell.

HWEHWɛ TWERɛSɛM NO MU — Twi (Akan) Bible Study Lessons, Volume 5

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *

Previous post Stefano Ɖokui Nuúliúli kple Ewuwu — Ɖoɖowo la ŋu 191 (Ɖɔwɔwɔwo 7:1–60)
Next post HWEHWɛ TWERɛSɛM NO MU — Adesua 227: Saul Wuo A Na Ɛyɛ Awerɛho (1 Samuel 31:1–13)