HWEHWɛ TWERɛSɛM NO MU — Adesua 224: Dawid Naadaa Ne Poɔ A Wɔpoo No (1 Samuel 27; 29)

HWEHWɛ TWERɛSɛM NO MU — ADESUA 224

DAVID’S DECEPTION AND REJECTION | DAWID NAADAA NE POɔ A WɔPOO NO

NKAEɛ ASɛM: “Na Akis bua see Dawid sɛ: Menim sɛ woyɛ wɔ m’ani so sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ; nso Filistifoɔ asafohene no na wɔse: ᴐne ɛyɛn renkɔ ɔsa no” (1 Samuel 29:9)

AKENKANSɛM: 1 Samuel 27:1–12; 29:1–11

Dawid de Saul nkwa kyɛɛ no wɔ Sif serɛ so wɔ akenkansɛm a atwam no, ɛfiri sɛ twerɛsɛm nhyehyɛeɛ ka sɛ yɛmmfa bɔne ntua bɔne so ka nti. Yɛbɛkae sɛ na Saul awe ataa so sɛ ɔbɛhwehwɛ no. Sɛ anka ɔno bɛfa akwanmue a ɔnyaeɛ sɛ ɔbɛkum no no, ɔsii agyina sɛ ɔbɛdwane akɔ Filistifoɔ, Israelfoɔ atamfoɔ kɛseɛ no, asase so.

Na ɔnim sɛ ɛyɛ mfomsoɔ ne bɔne sɛ ɔbɛkum ɔhene no na wabɛdi adeɛ sɛ ɔhene, nkanka ara sɛ Onyankopɔn na ɔyii no mpo mmerɛ a n’ani nna koraa. Enti, na ɛsɛ sɛ ɔtwɛn na wɔde no si adwa so ne berɛ mu. ᴐgyaeɛ sɛ ɔbɛtɔ were no, ɔkyerɛe sɛ ɔnne ɔtane biara tia Saul.

Wo resɛe obi din anaa wo reyi ne nkwa afiri hɔ de anya diberɛ anaa akwanmue biara no yɛ bɔne. Dawid bɛtumi adi hene wɔ Israel a, agye sɛ deɛ ɔte adwa no so awu ansa. Ɛnyɛ nwanwa sɛ enti na Saul pɛɛ sɛ ɔkum no no.

Saa tebea yi bi siɛ mmerɛ a wɔwoo Kristo no. Mmerɛ a anyansafoɔ no firi apueɛ afa mu baeɛ sɛ wɔrebɛhwehwɛ: “Yudafoɔ hene a wɔawo no no” na wɔasɔre no no, “ɛhaa” ᴐhene Herode. ᴐhwehwɛɛ sɛ ɔbɛkum Kristo wɔ kwan biara so nanso Onyankopɔn amma n’agyinasie no anyina (Mateo 2:1–21).

Na Saul toaa so ara sɛ ɔbɛti Dawid no, Dawid gyidie so hwane kɔɔ fam, na ɛde suro bɛhyɛɛ ne mu, ɔsii agyina ntɛm so faa nnaadaa kwan so — nnoɔma binom a ɛsɛ sɛ agyedifoɔ yi wɔn ho firi mu mpo mmerɛ a wɔwɔ nhyɛsoɔ ase firi afoforɔ nkyɛn no.

HWEHWɛ TWERɛSɛM NO MU — Twi (Akan) Bible Study Lessons, Volume 5