HWEHWɛ TWERɛSɛM NO MU — Adesua 228: Dawid Gyam Saul Ne Yonatan Wɔ Wɔn Wuo Mu (2 Samuel 1)

HWEHWɛ TWERɛSɛM NO MU — ADESUA 228

DAVID MOURNS THE DEATH OF SAUL AND JONATHAN | DAWID GYAM SAUL NE YONATAN WϽ WϽN WUO MU

NKAEɛ ASɛM: “Ɛnna Dawid sɔɔ n’atadeε mu sunsuanee mu, na mmarima a wɔka ne ho no nyinaa yoyɔɔ sa. Na wɔtwaa adwo na wɔsui, na wɔkyeree kɔm kɔsii anwummere maa Saul ne ne ba Yonatan ne Awurade man ne Israel fie” (2 Samuel 1:11,12)

AKENKANSɛM: 2 Samuel 1:1–27

Samuel nwoma a ɛdi kan wie wɔ awerɛhoɔ mu sɛ Israel dii nkoguo na Ͻhene Saul nso wuu wɔ akono. Dawid nso, ɔno a na wɔasra no ngo sɛ ɔmmɛfa ahennie no, akɔbɔ ne ho adwaa wɔ Filistifoɔ asase so.

Bɛyɛ sɛ nnansa akyi a Dawid kɔgyee ne nkurɔfoɔ na ɔde wɔn baa Siklag no, obi a ɔhoahoa nnipa de nya wɔn nkyɛn anim anisɔ na ɔkyerɛɛ sɛ wadwane afiri ɔko no mu tuu kwan bɛyɛ akwansini ɔha aduonu-num de kaseɛbɔ fa Saul ne Yonatan wuo no ho bae (2 Samuel 1:1,2). Ne nneyɔeɛ no kae yɛn fa nnebɔneyɛfoɔ ahopereɛ sɛ wɔbɛnya ankorɛnkorɛ mfasodeɛ.

Saa adesua yi nyinasoɔ wɔ Dawid dadwene suban na ɔwɔ ma Onyankopɔn mma. “Na Dawid see no sɛ: Ɛhe na wofiri reba yi? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Israel nsram mu na mefiri dwaneɛ yi. Na Dawid see no sɛ: Asɛm no kɔɔ sɛn? Ka kyerɛ me ɛ!” (2 Samuel 2:3,4).

Te sɛ ɔno no, ɛsɛ sɛ Akristofoɔ nya anigyeɛ wɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne wɔn nnwuma nkɔsoɔ ho, mpo mmerɛ a asɛm no mfa wɔn ho bebree no. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpaeɛ, na wɔhwɛ wɔn a ahia wɔn na wɔyɛ akyitaafoɔ ma Onyankopɔn adwuma wɔ baabi a ɛbɛhia biara.

DAWID NNEYϽEƐ WϽ KASEƐBϷ A ƐFA SAUL WUO NO HO (2 Samuel 1:1–12; Mmɛbusɛm 24:17; 17:5; Hiob 31:29,30; Yeremia 9:1; Obadia 1:12; 1 Petro 3:8,9)

Anoyie a Amalekni a wɔadwane afiri ɔko no mu no de brɛɛ Dawid no, na ɛnyɛ anigye. Sɛ yɛdwene Israel Onyankopɔn tumi ne ne bɔhyɛ ho a, nkoguo a ɛte sɛyie no, mpɛn bebree no, ɛyɛ a na ɛfiri ɔsoro abufuo anaa asotwe mu. Dawid kɔɔ ahohia ne ahokyerɛ mu paa ara; na ɔyii ne ho adi sɛ ɔman ba na ɔkyerɛɛ n’awerɛhoɔ maa Ͻhene Saul ne Yonatan, n’adamfo nokwafoɔ no.

HWEHWɛ TWERɛSɛM NO MU — Twi (Akan) Bible Study Lessons, Volume 5